Amerado – Life Lyrics

Amerado Life Lyrics, Strongman Life Lyrics

Abusua ani da meso
In my hood yɛse mewɔ prospect
Ɛbaa no sɛn na rent boɔ nti mete Kumasi outskirt?
But life yɛ hard like separating politicians from fraudsters
Protect mummy na ɔwu ntɛm a wonya sika a woyɛ suspect
Yea Aku sika
Mɛnfa ohia mmɛ po sika
Boys hyia bɛto sika
Nso Eno frɛ na ato sika
Nti firi kɛtɛ so kɔpɛ sika
Aduane pa ɛbɛhye sika
Ɔbaa hemaa nyɛ sɛ me nfe wo but meyɛ wɔwɔ a mɛfe sika
Yea ɔhɔhoɔ hwɛ mani akɛseɛ
Abɔfra sua a ɔse meyɛ dehyeɛ
Nso mani fi yɛ yi ɛnyɛ Kojo aniase a nka menhunu dehyeɛ
Menbu sa me me nanteseɛ
Againstfoɔ moanim sɛ feɛ
Bɛrima ɛna susu kasa na wayɛ yie nka wo shoe bɛkyerɛ
You joke with my money I curse you
Wo ampɛ sika a poverty will stress you
Forget face na boy wo nya sika a girls gye wo ho sɛ abochi perfume
Sake of money bro Kojo I’m on my knees for my nephew
Ma sika mmɛ wo sɛ war ne curfew
Deɛ ɔse woyɛ Jon ɔyɛ Matthew
Obia ntumi mmɔ me kyɛmso
Sika no aba ɛnɛ me adanso
Ɛnhyɛ wo ho asɛ adanko
Me mma obia mmɛ hyɛ me so
Me ne ohia yi bɛ pemso
Me pɛ sika dan ma, me pɛ designer
Mepɛ sika de abusua atu Ghana
Mɛyɛ madwuma na mentwɛn manner
Nana I’m still a survivor
Ɛtoɔ aba ama yɛnkyerɛ gyerɛ
Yɛ mia meso yi matrɛtrɛ
Ɛkaa atamfo ɛnyɛ burger asɛm nka ɛkɔm de yɛ a yɛ srɛsrɛ
Ɛhyɛ wo ho a na yɛsre kyerɛ
Ɛnhyɛ wo ho a wonya akyerɛ
Wo fa Bible sɛ wobɔ mpaeɛ targetti ohia na gyae twerɛ

On them on them
We for fit confirm confirm
Alhaji kɔ ntɛm kɔ ntɛm
Deɛ ohiaa kɔ fa ne nsɛmsɛm
I’m so prepared sika asɛm I’m so concerned
Hustling for my daily bread
I want to get the money first hey
Sika na ɛma guy man twa toso yɛ guy guy
Physically, online, I’m searching money till I die
Sika na ɛma guy man twa toso yɛ guy guy
Physically, online, I’m searching money till I die

Ɔbra yɛ bɔ na, wonnyini yɛ busa deɛ wabɔ no before
Prɛkoba se na maame ano so ɛnkyɛ ne deɛ no bɛyɛ times four
Wo nnyini yɛ a yɛn sra Akwatia work hard and pray to God
Afu kɛseɛ a amene mpɛ adwuma ɛnkyɛ wo bɛ ham aa tɔɔ
Kurokɛseɛ mu yɛ bɔ bra na yɛ nya bi akɔ hwɛ yɛn nkwakora
Menua baako mmaa bi nti na ɔbɔ bra na w’afɔ ɔbra nofoɔ te sɛ bra
Sika pɛ bi na san pɛ stra fa multiply ɛmfa ne nyinaa mma Adwoa
Yɛ we akokɔnam yɛnwe ne ntakra, life kye wo hwe woa, ɛkyɛn dwoa
M’adamfo Selase na ɔwe last nti class na no desk na esi last
Selase me kae na onni cash nti na ne crush yɛ lasti lasti
Sela nti sukuul sele ase nso Sela te ɔbra sele ase
Sesei nti nti Sela nyɛ emperor nso obiara haile Selase
Reality, ɛnyɛ neɛ onim adeɛ na ɛyɛɛ yie
Ɛnyɛ wo classroom mmɔdenbɔ no nkoaa na ebetumi akyerɛ wo yiedie
Abusua no mu last born ɔno na yɛfrɛ no kaakyire
But on a real panyin no anyɛ adwuma a, ɔno na ɔbɛ abɛ ka akyire
Susu twa anum na wo dwatire no akoa bi de tua tithe
Joe ɛnfa ho ne wo kɛseɛ Landcruiser koraa dadewa ma no flat tyre
W’ammɔ bra a ɛnfasoɔ biara nni wotiri so, akɔ yɛ sɛ frying pan
Asebu Amanfi na ɛkaa n’asɛm sɛ sika no pɛ bi na yɛnni mu kankan
Sika frɛ dɔm pam kɔm
Ɛnfa coins nwura Melcom
Deɛ ɛhyɛ no ho no si kuro mu a, yɛto ne ho nnwom sɛ Nana Acheampong
Woahunu sikanii bi ba a osu kɔm?
Hianii dan mu papa ɛyɛ aircon
Wode hia wu a wo ayie mba fahyɛ w’aso mu sɛ AirPod, Younger!

On them on them
We for fit confirm confirm
Alhaji kɔ ntɛm kɔ ntɛm
Deɛ ohiaa kɔ fa ne nsɛmsɛm
I’m so prepared sika asɛm I’m so concerned
Hustling for my daily bread
I want to get the money first hey
Sika na ɛma guy man twa toso yɛ guy guy
Physically, online, I’m searching money till I die
Sika na ɛma guy man twa toso yɛ guy guy
Physically, online, I’m searching money till I die

    Lyrics Knowledge:

  • Written by: Amerado, Strongman
  • Album: Young and Strong
  • Released: 2023